15 Afei hwiit, baali, ngo, ne bobesa a me wura kae sɛ ɔde bɛba no, ma ɔmfa mmrɛ ne nkoa.+16 Yɛn nso yebetwa nnua dodow biara a wuhia afi Lebanon+ de agu po so* aba Yopa,+ na wode akɔ Yerusalem.”+
7 Wɔde sika maa abopaefo+ ne adwumfo,+ na wɔde nnuan ne anonne ne ngo maa Sidonfo ne Tirofo sɛ wɔnkɔfa sida nnua mfa po so mfi Lebanon nkɔ Yopa+ sɛnea Persia hene Kores ama wɔn kwan no.+