-
Hebrifo 9:4, 5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Ɛhɔ na na sika kɔkɔɔ ade a wɔhyew aduhuam wom+ ne apam adaka+ a wɔde sika kɔkɔɔ adura ho nyinaa+ no wɔ. Apam adaka no, sika kɔkɔɔ kuruwa a mana wom+ ne Aaron poma a ɛfefɛwee+ ne apam abopon+ no na na ɛwɔ mu. 5 Ná kerubim* a wɔwɔ anuonyam no butuw mpata mmuaso no so* wɔ apam adaka no so.+ Nanso ɛnyɛ saa bere yi na yɛbɛka eyinom ho asɛm akɔ akyiri.
-