-
2 Beresosɛm 4:11-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Hiram san yɛɛ ade a wɔde sesaw nsõ ne sofi ne nkankyee no.+
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokware Nyankopɔn no fi ho+ no: 12 Ɔyɛɛ adum abien+ ne ntaaso nkuruwankuruwa a esi adum abien no so, ne atena abien+ a ɛkata adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho; 13 ɛne atena abien no ho granate akutu* 400+ no, atena no biara ho granate akutu no sa so abien, ebi wɔ soro na ebi wɔ fam, na ɛkataa adum no ntaaso nkuruwankuruwa abien no ho;+ 14 ɛne trɔk du a wɔde twe nsu ne asɛn du a esisi trɔk no so;+ 15 ɛne Ɛpo no ne anantwi 12 a esi wɔn so no;+ 16 ɛne nea wɔde sesaw nsõ, sofi, adinam,+ ne ɛho nneɛma nyinaa. Eyinom nyinaa Hiram-Abif+ yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fi no ho; ɔde kɔbere a wɔatwiw ho na ɛyɛe. 17 Yordan mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ogui wɔ dɔte* mu wɔ Sukot+ ne Sereda ntam.
-