-
2 Beresosɛm 7:19-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Nanso, sɛ motwe mo ho, na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a,+ 20 ɛnde asaase a mede ama Israel no, metutu wɔn ase afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na wɔde aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+ 21 Na ofi yi bɛdan amamfo, na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no,+ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+ 22 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asaase so+ no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+
-