64 “Yehowa bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa so afi asaase ano akosi asaase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom nyinaa nnim wɔn,+ anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.
19 Na sɛ wobisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn ama eyi nyinaa ato yɛn?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛnea mugyaw me hɔ kɔsom ananafo nyame wɔ mo asaase so no, saa ara na mobɛsom ananafo wɔ asaase a ɛnyɛ mo de so.’”+