2 Samuel 7:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Enti ma ɛnyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fi na ɛntena w’anim daa,+ efisɛ wo, Awurade Tumfo Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fi so daa.”+ 1 Ahene 15:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn ma onyaa kanea* wɔ Yerusalem+ bere a ɔmaa ne ba bedii n’ade na ɔmaa Yerusalem gyinae no. 2 Ahene 8:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda esiane n’akoa Dawid nti,+ efisɛ na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn+ ama ɔne ne mma daa.
29 Enti ma ɛnyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fi na ɛntena w’anim daa,+ efisɛ wo, Awurade Tumfo Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fi so daa.”+
4 Nanso Dawid nti,+ Yehowa ne Nyankopɔn ma onyaa kanea* wɔ Yerusalem+ bere a ɔmaa ne ba bedii n’ade na ɔmaa Yerusalem gyinae no.
19 Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda esiane n’akoa Dawid nti,+ efisɛ na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn+ ama ɔne ne mma daa.