-
2 Beresosɛm 10:1-4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Rehoboam kɔɔ Sekem.+ Ná Israelfo nyinaa aba Sekem sɛ wɔrebesi no hene.+ 2 Bere a Nebat ba Yeroboam+ tee nea asi no ara pɛ, Yeroboam fii Egypt san bae. (Saa bere no, Ɔhene Solomon nti, na waguan kɔ Egypt.)+ 3 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma dennen a wo papa ma yɛyɛe ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”
-