-
1 Samuel 8:11-18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Ɔkae sɛ: “Ɔhene a obedi mo so no, ne tumi nti, nea ɔbɛyɛ ni:+ Ɔbɛfa mo mma mmarima,+ na wama wɔaka ne nteaseɛnam+ na wɔatena n’apɔnkɔ so,+ na ebinom betu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12 Ɔde wɔn mu bi bɛyɛ apem apem so ahwɛfo+ ne aduonum aduonum so ahwɛfo,+ na ebinom befuntum n’asaase+ na wɔatwa ne nnɔbae,+ na wɔbɛyeyɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+ 13 Ɔbɛma mo mma mmea afra* sradehuam, anoa nnuan, na wɔato paanoo.+ 14 Mo mfuw ne mo bobefuw* ne mo ngodua mfuw+ mu nea eye no, ɔbɛfa na ɔde ama ne nkoa. 15 Mo mfuw mu aba ne mo bobefuw mu aba nso, obegye so ntotoso du du ama n’ahemfi mpanyimfo ne ne nkoa. 16 Ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmoa mu nea eye ne mo mfurum de wɔn ayɛ n’adwuma.+ 17 Obegye mo nguan so ntotoso du du,+ na mobɛyɛ ne nkoa. 18 Da bi reba a mo hene a moapaw no no nti, mubesu,+ nanso saa da no, Yehowa rennye mo so.”
-