-
2 Samuel 16:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Bere a Ɔhene Dawid duu Bahurim no, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue bae; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+ 6 Ɔtotow abo boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfo no nyinaa, ne akatakyi a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no. 7 Bere a Simei redome no no, nea ɔkae ne sɛ: “Fi hɔ kɔ, fi hɔ kɔ, ɔbarima wudifo!* Onipahunu a ɔte sɛ wo!
-