-
1 Ahene 14:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Eyi nti mede mmusu reba Yeroboam fi so, na Yeroboam fi barima* biara, mekum no,* Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mekum no. Mɛpra Yeroboam fi nyinaa atow agu+ sɛnea obi pra nantwibin kɔtow gu no. 11 Yeroboam ho nipa biara a obewu wɔ kurom no, nkraman na ebedi ne nam, na nea obewu wɔ wuram no, ewim nnomaa na ebedi ne nam, efisɛ Yehowa na waka.”’
-