53 Ɛnna mmea no baako gyaa ɔbo a wɔde yam ade mu bɛhwee Abimelek tirim maa ne tikora mu paee.+54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a okura n’akode no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo sekan kum me, na nkurɔfo anka sɛ, ‘Ɔbea na okum no.’” Enti n’akoa no de ne sekan wɔɔ no ma owui.
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Twe wo sekan fa kum me na momonotofo*+ yi ammɛwɔ me sekan anyɛ me aninyanne.”* Nanso ne somfo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ogyaa ne ho kɔwɔɔ so.+
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fifo akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wui. Na wosiee no wɔ n’agyanom amusiei.