5 Saa bere no nyinaa, na Hagit ba Adoniya+ rehoahoa ne ho sɛ: “Me na medi hene!” Na ɔma wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na onyaa nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so ne mmarima 50 a wotu mmirika di n’anim.+
25 Ɛnnɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ srade ne nguan pii rekɔbɔ afɔre.+ Na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfo Abiatar;+ wɔne no ato nsa redidi na wɔrenom, na nea wɔreka ara ne sɛ, ‘Ma Ɔhene Adoniya nnya nkwa tenten!’