-
Yesaia 44:19, 20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Obiara nnwen wɔ ne komam,
Na obi nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔbɛka sɛ:
“Mede fã sɔɔ gya,
Metoo paanoo wɔ ne nsramma so, na metotoo nam wɔ so wee.
Memfa nea aka no nyɛ akyiwade anaa?+
Dua sin* na mensom no anaa?”
20 Odi nsõ.
Ɔno ara ne koma daadaafo no ama wayera.
Ontumi nnye ne ho,* na ontumi mmisa sɛ:
“Enti ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”
-