-
1 Ahene 18:23, 24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa abien, na wɔmfa nantwi kumaa baako na wontwitwa mu asinasin ngu anyina so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde ogya to mu. Me nso mɛyɛ nantwi kumaa a aka no ho adwuma de agu anyina so, nanso meremfa ogya nto mu. 24 Muwie a, mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no. Onyame a obegye so atɔ ogya abegu so no, ɔno ne nokware Nyankopɔn no.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buae sɛ: “Wonkaa bɔne.”
-