4 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa Yehowa anom asɛm ansa.”+ 5 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo mmarima 400 ano, na obisaa wɔn sɛ: “Yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa minnyae?” Na wɔkae sɛ: “Kɔ, na nokware Nyankopɔn no de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”