11 Afei nso, Dawid frɛɛ ɔsɔfo Sadok+ ne ɔsɔfo Abiatar,+ ne Lewifo Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab, 12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mone Lewifo agyanom abusuafi mpanyimfo. Mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na monkɔfa Yehowa, Israel Nyankopɔn Adaka no mmra faako a masiesie sɛ yɛmfa nsi no.