-
2 Beresosɛm 18:12-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Na nea wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifo no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn de no,+ na ka asɛmpa.”+ 13 Nanso Mikaia kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.”+ 14 Bere a obeduu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa minnyae?” Ɛhɔ ara na obuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mubedi nkonim; wɔde wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 15 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mpɛn ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokware nkutoo na wobɛka wɔ Yehowa din mu akyerɛ me?” 16 Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ, mihu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo.+ Yehowa se: ‘Eyinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fi asomdwoe mu.’”
-