22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti mihui sɛ nea ɛte biara, ɔbɛka akyerɛ Saul. Me na mama wo papa fifo nyinaa awuwu. 23 Wo de, tena me nkyɛn. Nsuro, efisɛ obiara a ɔrepɛ wo akum wo no repɛ me nso akum me; mɛbɔ wo ho ban.”+