17 “Ɛnsɛ sɛ Israelni bea biara yɛ tuutuuni+ wɔ asɔrefi, na saa ara na ɛnsɛ sɛ Israelni barima biara yɛ tuutuuni wɔ asɔrefi.+ 18 Mfa tuutuuni bea akatua anaa tuutuuni barima akatua mma sɛ wode rebetua wo bɔhyɛ ade wɔ Yehowa wo Nyankopɔn fi, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyi wɔn nyinaa.