-
2 Beresosɛm 20:35-37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
35 Akyiri yi, Yuda hene Yehosafat de ne ho kɔbɔɔ Israel hene Ahasia a ɔyɛɛ nneɛma bɔne no.+ 36 Ɔne no ka boom yeyɛɛ ahyɛn a ɛbɛkɔ Tarsis;+ wɔyɛɛ ahyɛn no wɔ Esion-Geber.+ 37 Nanso Dodawahu a ofi Maresa ba Elieser hyɛɛ nkɔm tiaa Yehosafat sɛ: “Esiane sɛ wode wo ho akɔbɔ Ahasia nti, Yehowa nso bɛsɛe wo nnwuma.”+ Enti ahyɛn no bobɔe,+ na antumi ankɔ Tarsis.
-