31 Ɔno de, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfo+ hene Etbaal babea Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32 Afei nso, osii ofi* maa Baal wɔ Samaria, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa Baal.+
2 Saa bere no, Ahasia fi ne fi a ɛwɔ Samaria no atifi dan mu bɛhwee fam, na opirae. Enti ɔsomaa nkurɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ nkobisa mma me sɛ opira a mapira yi, mɛsan anya ahoɔden anaa.”+