-
2 Samuel 3:26, 27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 Ɛnna Yoab fii Dawid nkyɛn, na otuu abɔfo sɛ wontiw Abner nkɔfrɛ no mmra, na wɔne no fii Sira abura no ho san bae, nanso na Dawid nnim ho hwee. 27 Bere a Abner san baa Hebron no,+ Yoab de no kɔɔ kurow pon no ano sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no wɔ kokoam. Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam wɔ hɔ ma owui.+ Ne nua Asahel a okum no* nti na ɔyɛɛ saa.+
-