-
2 Ahene 7:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Ɛnna Elisa kae sɛ: “Muntie Yehowa asɛm. Nea Yehowa aka ni, ‘Ɔkyena sesɛɛ, esiam muhumuhu seah susude* baako bo bɛyɛ dwetɛbona* baako, na baali* seah susude abien bo bɛyɛ dwetɛbona baako wɔ Samaria kurow pon ano.’”*+ 2 Ɛhɔ ara na ɔhene boafo a ogye no di no bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mfɛnsere mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?”+ Na ɔno nso kae sɛ: “Wode w’ani behu,+ nanso ebi renka w’ano.”+
-