2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Mesrɛ wo, sɔre na siesie wo ho sɛnea obiara renhu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Odiyifo Ahiya wɔ hɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+ 3 Fa paanoo du ne keeki, na fa ɛwo gu toa mu, na kohu no. Ɔbɛka nea ɛbɛto abofra no akyerɛ wo.”