26 Ahasia bedii ade no, na wadi mfe 22, na odii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Israel hene Omri+ banana. 27 Ɔfaa Ahab+ fifo akwan so, na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea Ahab fifo yɛe no, efisɛ ɔwaree Ahab fi, na ɔne wɔn bɛbɔɔ abusua.+