13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia ataade+ a afi ne ho agu fam no, na ɔsan kogyinaa Yordan ano. 14 Ɛnna ɔde Elia ataade a efii ne ho guu fam no bɔɔ nsu no mu, na ɔkae sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?” Bere a ɔde bɔɔ nsu no mu no, emu pae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.+