29 Enti Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yare, efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael kɔkoe+ no, Siriafo no piraa no wɔ Rama. Yuda hene Ahasia a ɔyɛ Yehoram ba no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram, efisɛ na wapira.*
21 Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Siesie teaseɛnam no!” Enti wosiesiee teaseɛnam a ɔde kɔ ɔko no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu sɛ wɔrekohyia Yehu. Wɔkɔtoo no wɔ Yesreelni Nabot asaase+ no so.
27 Bere a Yuda hene Ahasia+ huu nea ɛrekɔ no, oguan faa turo fi kwan no so. (Akyiri yi, Yehu tiw no, na ɔkae sɛ: “Munkum ɔno nso!” Enti bere a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no, wopiraa no. Nanso ɔtoaa so ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ.
22Ɛnna Yerusalemfo sii ne ba kumaa Ahasia* hene ma odii n’ade, efisɛ na nnipabɔnefo dɔm ne Arabiafo aba asoɛe hɔ abekunkum wɔn mu mpanyimfo no nyinaa.+ Enti Yehoram ba Ahasia bedii Yuda so hene.+