19 Prɛko pɛ, mframa kɛse bi bɔ fii sare so bɛbɔɔ ofi no ntwea anan no, na edwiriw guu wo mma no so kunkum wɔn. Me nko ara na matumi aguan afi mu aba sɛ merebɛka akyerɛ wo.”
20 Ɛnna Hiob sɔree, na osuan n’ataade mu, na otwitwaa ne ti nwi. Afei ɔbɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuw fam,