4 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne papa Amasia yɛe no.+ 5 Sakaria te ase no, ɔkyerɛkyerɛɛ no ma ohuu sɛnea obesuro nokware Nyankopɔn no, na saa bere no, ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn. Bere a ɔhwehwɛɛ Yehowa nyinaa, nokware Nyankopɔn no ma esii no yiye.+