-
2 Beresosɛm 26:16-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛe mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, efisɛ ɔkɔɔ Yehowa asɔrefi hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+ 17 Ɛhɔ ara na ɔsɔfo Asaria ne Yehowa asɔfo a wɔka ne ho, mmarima akokodurufo 80, dii n’akyi. 18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhyew aduhuam ama Yehowa!+ Asɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyew aduhuam, efisɛ wɔyɛ Aaron asefo,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Fi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; eyi remma wunnya anuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”
19 Nanso Usia bo fuw asɔfo no.+ N’abufuw no ara mu na kwata+ fifii ne moma so wɔ asɔfo no anim. Saa bere no, na okura aduhuamhyew ade no, na na ɔwɔ aduhuam afɔremuka no nkyɛn wɔ Yehowa fi hɔ. 20 Bere a ɔsɔfo panyin Asaria ne asɔfo no nyinaa twaa wɔn ani hwɛɛ no no, wohui sɛ kwata afifi ne moma so. Enti wɔyɛɛ ntɛm piapiaa no fii hɔ, na ɔno nso de ahoɔhare fii adi, efisɛ na Yehowa de ne nsa aka no.
21 Ɔhene Usia yaree kwata kosii sɛ owui; ne kwata no nti wɔma ɔtew ne ho kɔtenaa ofi bi mu;+ wannya kwan ankɔ Yehowa fi bio. Ne ba Yotam na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na ɔno na obuu ɔman no mu nnipa atɛn.+
-