7Usia ba Yotam ba Ahas+ a ɔyɛ Yuda hene no bere so no, Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no bae sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, nanso wɔantumi* anko amfa kurow no.+
4 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yiye; mma biribiara nnhaw wo. Nsuro, na mma wo koma nntu, gyentia abien a epuw wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba+ no abufuhyew nti.