12 Ɛda a mobɛma wɔahim nnɔbae no, momfa odwennini kumaa a wadi afe mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa. 13 Afei momfa ngo mfɔtɔw esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien mmɛbɔ aduan afɔre huamhuam a wɔhyew ma Yehowa no. Momfa bobesa hin nkyem anan mu baako nka ho mmɛbɔ nsã afɔre.