10 Ɛnna Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow+ mu. 11 Mfe dodow a Dawid de dii Israel so hene no si mfe 40. Ɔtenaa Hebron+ dii ade mfe 7, na ɔtenaa Yerusalem nso dii ade mfe 33.+
12 Ɛnna Solomon tenaa ne papa Dawid ahengua so, na nkakrankakra, n’ahenni no timii.+