-
Yosua 21:27-33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Nea Gersonfo+ a wofi Lewifo mmusua mu no nya fii Manase abusuakuw fã no hɔ ni: Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien.
28 Nea wonyae wɔ Isakar abusuakuw no hɔ ni:+ Kision ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Daberat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 29 Yamut ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne En-Ganim ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.
30 Nea wonyae wɔ Aser abusuakuw hɔ ni:+ Misal ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Abdon ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 31 Helkat+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Rehob+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.
32 Nea wonyae wɔ Naftali abusuakuw hɔ ni: Guankɔbea kurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abiɛsa.
33 Nkurow a Gersonfo mmusua no nyae nyinaa yɛ nkurow 13 ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so.
-