-
Yosua 21:34-40Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 Lewifo a na wɔaka ne Merarifo mmusua no.+ Nea wonyae wɔ Sebulon abusuakuw hɔ ni:+ Yokneam+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Karta ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 35 Dimna ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Nahalal+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.
36 Nea wonyae wɔ Ruben abusuakuw hɔ ni: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+ 37 Kedemot ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Mefaat ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow anan.
38 Nea wonyae wɔ Gad abusuakuw hɔ ni:+ Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, 39 Hesbon+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yaser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow no nyinaa yɛ anan.
40 Lewifo mmusua a na wɔaka a wɔyɛ Merarifo mmusua no, nkurow a wonyae nyinaa yɛ 12.
-