27Na Selofehad mma mmea+ a wofi Yosef ba Manase abusuakuw mu no bae. Ná Selofehad papa ne Hefer, Hefer papa ne Gilead, Gilead papa ne Makir, Makir papa ne Manase. Selofehad mma mmea no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa.
7 “Asɛm a Selofehad mma mmea no reka no yɛ nokware. Enti sɛnea ɛte biara, ɛsɛ sɛ woma wɔn agyapade wɔ wɔn papa nuanom mu, na woma wɔn papa agyapade bedi wɔn nsam.+