6 Enti saa da no, Saul, ne mma mmarima baasa, nea okura n’akode, ne mmarima a wɔka ne ho nyinaa wuwui.+ 7 Bere a Israelfo a wɔwɔ asaasetraa no so ne Yordan mpɔtam hɔ hui sɛ Israel mmarima aguan, na Saul ne ne mma nso awuwu no, woguan fii wɔn nkurow no mu;+ ɛnna Filistifo no bɛtenatenaa hɔ.