14 Nanso seesei de, w’ahenni renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ɔyɛ nea Yehowa koma pɛ,+ na ɔbɛyɛ no ɔkannifo wɔ ne man so,+ efisɛ woanyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ wo no.”+
27 Bere a Samuel dan ne ho sɛ ɔrekɔ no, Saul soo n’ataade nsasin no ano, na esuanee. 28 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa asuan Israel ahenni no afi wo nsam nnɛ, na wo yɔnko a oye sen wo na ɔde bɛma no.+
3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+