-
2 Samuel 5:19-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Filistifo no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na ɔkwan biara so mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na Dawid kokunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛnea nsu bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim*+ no. 21 Filistifo no gyaw wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ne ne mmarima no sesaw kɔe.
-