-
Yosua 13:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Manase abusuakuw no fã a aka no ne Rubenfo ne Gadfo kɔfaa wɔn agyapade a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dedaw no:+ 9 efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so de kosi Dibon;
-