-
2 Samuel 21:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Ɔko sii bio wɔ Gat; ná ɔbarima tenten kɛse bi wɔ hɔ a ne nsa abien no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan abien no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ofi Refaim asefo mu.+ 21 Ná otwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no.
22 Nnipa baanan yi yɛ Refaim asefo a wofi Gat, na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.+
-