Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Samuel 24:18-23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Enti Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ na kosi afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa.”+ 19 Enti Dawid tiee asɛm a Yehowa nam Gad so kae no, na ɔkɔe. 20 Bere a Arauna maa n’ani so huu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna fii hɔ de n’anim kobutuw fam wɔ ɔhene anim. 21 Arauna bisae sɛ: “Dɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Maba sɛ merebɛtɔ awiporowbea yi afi wo hɔ na masi afɔremuka wɔ ha ama Yehowa, sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu no befi ɔman no so.”+ 22 Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔre biara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ* wɔ so. Hwɛ, anantwi a wode bɛbɔ ɔhyew afɔre ne awiporow ade ne anantwi no ho nneɛma a wode bɛsɔ gya ni. 23 O ɔhene, nneɛma yi nyinaa Arauna de ma ɔhene.” Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn nhyira wo.”

  • 2 Beresosɛm 3:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɛnna Solomon fii ase sɛ ɔresi Yehowa fi+ no wɔ Moria Bepɔw so+ wɔ Yerusalem, faako a ne papa Dawid+ siesiei wɔ Yebusini Ornan awiporowbea+ hɔ no; ɛhɔ na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Dawid no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena