Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Beresosɛm 16:41, 42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 41 Nnipa a wɔka ho ne Heman ne Yedutan+ ne wɔn a wɔaka a wɔbobɔɔ wɔn din paw wɔn; wɔn na wɔdaa Yehowa ase,+ efisɛ “ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa”;+ 42 ná Heman+ ne Yedutan a wɔka wɔn ho no bɔ ntorobɛnto ne nnawuru,* na wokurakura nneɛma a wɔde yi nokware Nyankopɔn no ayɛ,* na na Yedutan mma+ no wɔ pon ano.

  • 2 Beresosɛm 5:11, 12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Bere a asɔfo no pue fii kronkronbea hɔ no (ná asɔfo a wɔwɔ hɔ nyinaa adwira wɔn ho,+ ɛmfa ho kuw a wofi mu),+ 12 Lewifo nnwontofo+ a wofi Asaf,+ Heman,+ ne Yedutan mu+ ne wɔn mma ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera pa, na wɔmomaa nnawuru* ne asanku ne asankuten so begyinagyinaa afɔremuka no nifa so; ná asɔfo 120 a wɔrehyɛn ntorobɛnto ka wɔn ho.+

  • 2 Beresosɛm 35:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Na Asaf mma nnwontofo+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛnea Dawid,+ Asaf,+ Heman, ne Yedutan+ a na ɔyɛ ɔdehufo ma ɔhene no hyehyɛ too hɔ no; na apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa apon no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wogyae wɔn nnwuma, efisɛ wɔn nuanom Lewifo no siesiee biribi maa wɔn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena