16Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene bio no?+ Fa ngo gu abɛn mu+ na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ mapaw ɔhene wɔ ne mma mu.”+
28 Bere a ne nua panyin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa no, Eliab bo fuw Dawid denneennen na ɔkae sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hena na wode nguan kakra no agyaw no wɔ sare so hɔ?+ Minim sɛ woyɛ ahantan, na adwemmɔne na aba wo komam, efisɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɔko no bi.”