25 Na Yehowa maa Solomon yɛɛ kɛse paa wɔ Israel nyinaa ani so, na ɔma onyaa anuonyam n’ahenni mu, na ahemfo a wodii n’anim bae mu biara annya bi saa wɔ Israel.+
28 Bio nso, adɛn nti na mudwinnwen ataade ho? Monhwɛ nhwiren* na munsua biribi, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.