-
2 Ahene 16:10, 11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Ɛnna Ɔhene Ahas kohyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa wɔ Damasko. Bere a Ɔhene Ahas huu afɔremuka a ɛwɔ Damasko no, ɔsoma ma wɔde afɔremuka no nsusuwso kɔmaa ɔsɔfo Uriya de kyerɛɛ no ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ afɔremuka no.+ 11 Afɔremuka no ho akwankyerɛ a Ɔhene Ahas de ho nkra fi Damasko brɛɛ ɔsɔfo Uriya+ no, odii akyi pɛpɛɛpɛ sii afɔremuka.+ Ɔsɔfo Uriya wiei ansa na Ɔhene Ahas refi Damasko aba.
-