8 “‘Mede mo beduu Amorifo a wɔte Yordan agya* no asaase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛfa wɔn asaase, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+
16 Bio nso, Manase hwiee mogya a edi bem bebree gui. Okunkum nnipa fi Yerusalem ti kosi ti,+ ɛsono bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no.