-
2 Ahene 21:19-24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Amon+ bedii hene no, na wadi mfe 22, na odii ade mfe abien wɔ Yerusalem .+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ofi Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa Manase yɛe no.+ 21 Nea ne papa yɛe nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; ɔsom abosom fĩ a ne papa somee no.+ 22 Enti ogyaw Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no, na wannantew Yehowa kwan so.+ 23 Ewiee ase no, Ɔhene Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔw, na wokum no wɔ n’ankasa fi. 24 Nanso asaase no sofo kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔw no nyinaa, na wosii ne ba Yosia hene ma odii n’ade.+
-