Exodus 25:23, 24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɔpon;+ ma ne tenten nyɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na efi soro besi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia. 2 Beresosɛm 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Bio nso, ɔyɛɛ apon du, na ɔde sisii asɔredan no mu; anum wɔ nifa so, na anum nso wɔ benkum so,+ na ɔyɛɛ sika nkankyee 100.
23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɔpon;+ ma ne tenten nyɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na efi soro besi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia.
8 Bio nso, ɔyɛɛ apon du, na ɔde sisii asɔredan no mu; anum wɔ nifa so, na anum nso wɔ benkum so,+ na ɔyɛɛ sika nkankyee 100.