-
1 Ahene 7:48-50Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
48 Solomon yeyɛɛ Yehowa fi hɔ nneɛma nyinaa: sika kɔkɔɔ afɔremuka,+ sika kɔkɔɔ pon+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no wɔ so, 49 sika kɔkɔɔ amapa nkaneadua+ a anum sisi nifa so na anum nso sisi benkum so wɔ pia mu pia no anim, ne nhwiren,+ nkanea, ne nneɛma a wɔde fa ogya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe,+ 50 ne asɛn, adumgya,+ nkankyee, nkuruwa,+ ne nkankyee a wɔde ogya gu mu+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛe no; ɛne pia mu pia,+ kyerɛ sɛ, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ apon no nsiso, ne asɔredan no apon+ a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛe no nyinaa.
-